Wednesday 27 April 2016

[Lyrics] Sarkodie - Hand To Mouth

Lyrics was published on Loud Sound Ghana (https://loudsoundgh.com/2016/01/lyrics-sarkodie-hand-to-mouth/)



Intro
Uh! *laughs* Huh!

Hook
M’anbɔ me ho mmɔden koraa no, abrabɔ no deɛ m’atwamu eighty
M’atotɔ nsaase asisi adan, joe m’abɔ bra, nti aka me twenty
Na, twenty no a aka no deɛ hand to mouth, hand to mouth
Twenty no a aka no deɛ hand to mouth, joe! hand to mouth

Na me se m’anbɔ me ho mmɔden koraa no, abrabɔ no deɛ m’atwamu eighty
M’atotɔ nsaase asisi adan, joe m’abɔ bra, nti aka me twenty
Na, twenty no a aka no deɛ hand to mouth, joe, hand to mouth
Twenty no a aka no deɛ hand to mouth, huh!, hand to mouth

Verse 1
ɛyɛ asɛm o
Tie! Yɛwo wo foforɔ a wo da mu hundred
W’anbɔ bra a w’atwa mu fourteen
Wo de jot ne nsaweɛ bɛka ho a na kyerɛ sɛ w’ate so baako ma n’aka wo thirteen
Hm.. wo de no condom hyɛ, w’ani so bɛte wo na w’adi sixty
Wonni kaprɛ da wo ho, wonkɔpɛ wiemfoɔ baa, wo pɛ Matilda Hipsy.. yoo
Kofi Boakye, kakra ba wo ho a tɔ nsaase
Champagne four bottles secure cement bag ɔha, wo te club ɛpaape
Secure w’abrabɔ, cars akɛseɛ monngyae tɔ
ɔbaa, nfa w’ani nto wo kunu so oo, pɛ adwuma yɔ, asugya foɔ mpaebɔ
Wo nya sika a na w’ato foundation, w’atoa so ama n’akɔdu lintel
Wo gyae wo ho na cash no firi wo ho nsa a joe wo bɛyiyi nkrampan sɛ pencil
Kɔ pɛ bank papa bi yɛ investment, UT Bank adwuma sɔ ani
Na wo de ɔbra no yɛ boseabɔ, daa wohyia wɔwɔ a animguaseɛ nso bɛda adi

Hook
Tie! M’anbɔ me ho mmɔden koraa no, abrabɔ no deɛ m’atwamu eighty
M’atotɔ nsaase asisi adan, joe m’abɔ bra, nti aka me twenty
Na, twenty no a aka no deɛ hand to mouth, hehe, hand to mouth
Twenty no a aka no deɛ hand to mouth, joe!, hand to mouth

Verse 2
ɛnnɛ nɛɛmafoɔ pii nnim nyansa
Monya sika pɛ mo totɔ Range Rover
ɔbɛtotɔ nsaase asisi adan no, ɔbetu afiri fie akɔhyɛ Agboogba
Three bedrooms, kitchen and toilet
W’ato n’adwem mu na wɔagye no two years
Akɛsesɛm ne ayesɛm, mo mbɔ bra papa mo de mo last akɔtam school girls.. yoo
Ebi a wo twi taxi, ebi koraa wo de kube kɔ akyin
Na sɛ ten cedis koraa na ɛda so a mɛnkɔwe apiyo, joe na wo mma enyini
Wo mpenafoɔ yɛ funu a ɛda w’anim fourty
Wo tua nkwasea boɔ a w’atwa mu fifty
Asɛ w’atena car mu a wɔanbɔ seat belt, akwanhyia ba a wo ti na ɛbɛpae windscreen
ɛmotuo ne nsaweɛ nti wontua tithe
Frɛ carpenter na monhyia site
Dabiaa wo te party ase na sika seɛyɛ
Daakye sɛ wo da mu a don’t be surprised.. yoo
Mɛsan aka no bio, kakra ba wo ho a tɔ nsaase

Lecturer yɛ adwuma na aban betua, w’akatua no ɛnhyɛ nkoraa n’ayaase.. huh!!

No comments:

Post a Comment