Thursday 23 July 2015

[Lyrics] Sarkodie – The Masses (Mixed by Posigee)


Bidipɔnbidi!

Wei m’adwen ho akyɛ

ɔman Ghana.. hm


Yɛkɔ y’anim anaa y’akyi?

Yɛnkɔ, tie..


M’aka no pɛn, mɛka no bio

Nyame ma me akoma na menka no obuom

Na y’ansoma ammɛ shootie me anadwo dasuom

But menni choice, mempɛ deɛ ɛkɔso wo kurom

First of all no wei nkɔ ma mmabunu

The youth, cos baabi a yɛaduru no, yɛamma yɛadwen mu anda hɔ a nkoraa ketewa a

ɛbɛku no y’ani so bɛte yɛn na y’adane akokɔ funu

Deɛ edi kan, aban no ɔbɔ wo ho ban?

ɔdwen wo ho anaa sɛ ɔde wo sika esi dan?

University a wɔakɔ aa no wo de degree no tu kwan akɔ amanɔne akɔ pra anaasɛ Techiman

ɛbibifoɔ ne hypocrisy deɛ

Yɛn mpɛ w’asɛm a na kyerɛ sɛ wo ka nokorɛ

Yɛn maame mo mfomsoɔ nti oo na yɛbrɛ

Agya, sukuu koraa nyansa biaa nni hɔ a yɛkyerɛ, kyerɛ

Yɛn mpanimfoɔ no yɛ a mo nka nokorɛ

Nti wo nhu sɛdeɛ Ghanafoɔ no brɛ?

Oil yɛtu no krom ha nso still yɛsrɛ

Moani tua sɛ wo se atu wo se ɛyɛ gyerɛ

ɔmo ku yɛn nso wo bue w’ano wo suro

Nti yɛn to aba na mo mbɔ yɛn mfuturo?

Moaku y’akyɛ, ɛyɛ, mma mo mbere yɛkuro

Sɛ wo mboa yaafoɔ a mɛnkɔ seɛ n’aduro, yoo

Kuro bɛn na yɛte mu yi, na bibiaa agyimi yi?

Yɛani tua sɛ ɛnkɔ yie obiaa ayɛ dinn sɛ mmum yi

Kanea na edum yi, business na egu yi

Frustration abɛdane nnipa kum yi

Adwen bɔne fitaa, asɛm kɛse bɛsi paa

Obiaa mpɛ sɛ ɔbɔ so, nea mo nim ne sika di naa

Nea ɛhyehyɛ mo ti mu a ɛne chobo-chobo te naa

Mo nkɔ so na mo nyɛ, Nyankopɔn nso hwɛ mo nyinaa

Deɛ ɔbɔ apoo na didi, nyɛ deɛ ɔbɛyɛ adwuma den

Wo ka a yɛse hey!, wo ntumi mpo nkyerɛ wo adwen

ɔman no ɛyɛ ntoma nka atete ama n’asen

Laws nyɛ adwuma nti obiaa use n’adwen

Asantefoɔ bɛto ama Akufo-Addo, North foɔ nso Mahama

ɔyɛ a na me werɛ ahow

ɔto ama ne kurom ni, na nyɛ deɛ ɔbɛ boa no

Me nuanom yɛn sua nyansa oo Mr. Honourable

ɔman no sika akɔ gu baabi faako

Yɛhia nkorɔfoɔ sɛ Ken Agyapong ne Kwaku Baako

Me mpɛ party sɛm biaa, yɛnfa nneɛma mfa ne kwan so

Loan a yɛagyegye ɛda yɛn nananom nan so

Adɛn?! ɛdeɛn bɔne nkoaa?

Yɛte y’anim mfifire pii yɛbɛwie na feaa

Pito nkoaa one cedi wo ka a yɛse aheaa

Economy n’asei, 6 feet adaka tea

Ahomakye yi a dumsor nti obi one room ahye

Mo mo fie generator yɛn na y’agyimi? yɛate

Mo de mo mma atutu kwan, yɛdaso tete nkurase

Wo bu nnipa kwasea kyɛ a dabi n’ani te

Abatoɔ no bɛdu mo deɛ mo nhyɛ yɛn bɔ

Ghanafoɔ no a na me blamie, yɛte rally nso a yɛbɛkɔ

Obi bɛyɛ adwuma from 8 to 6, bosome na n’akatua chicken change

Politician ɔte parliament ɔnyɛ hwee

ɔno ɔtumi tɔ dan san tɔ Range, aborɔ!

Me nim sɛ yɛn mpanimfoɔ no tu kwan

Nti mo duru abrokyire a mo nhu sɛ ɛyɛ fine?

Mo nhwɛ Kotoka nti mo ho nyɛ mo nyan?

Mo nam lorry kwan no so a nti ɛnnyɛ mo tan? ɛsɛ mo aa

Pɛsɛ-menko-menya nti ɔman n’asɛm yɛ last

Yɛ shorte water, shorte electricity, shorte gas

Bra na bɛbu man no, yɛanto amma wo sɛ bɛ we cash

Wo wɔ nyansasɛm bi ka a media foɔ no se relax

Corruption y’akaakaakaa yɛdaso yɛ

Wo a wo light nso wo, wo da so de bi kyɛ, w’ate bi da?

Na sɛ me hwɛ Ghana TV pɛ, na me pressure no kɔ soro cos dabiaa kɛtaasehyɛ

Yɛn ma y’ani na hɔ oo na nyɛ borɔfo akɛseɛ

Nsɛm a efiri y’anum ba a yentumi nkyerɛ aseɛ

The consumption of equity is leading to ɛdeɛndeɛn

ɛnnyɛ deɛ ɛho hia ni, mɛnfa nsɛm no mfefa nkyɛnkyɛn

ɔmanfoɔ mo ma yɛnka mbom

ɔman no tɔ fam, yɛn nhwɛ nea ɔbɛ somm

Ntɔkwa bi ba a ɔmo deɛ ɔmo bɛdomm

Yɛn na yɛbɛbrɛ, cos yɛdaso womm, yɛnni baabi kɔ

ɛnkanee yɛse J.J ho ɛfɛ, Kufour so na n’ani na yɛpɛ

Yɛse Mahama nso ɔne yɛn yɛ pɛ, ayoo

Ne nyinaa akyire no ɛne yɛn nnɛ

Me deɛ deɛ meka a ne sɛ mo ma moani na hɔ

Mo ntie nnipa anum asɛm nhwɛ baabi a ɔde yɛkɔ

Cos Nyankopɔn ampata a daakye bi yɛbɛyɛ mmɔbɔ

Asɛm a meka yi efiri akoma mu, me de ɔdɔ

Huh!! Bidipɔnbidi, Now!!

Yɛserɛ mo pii





No comments:

Post a Comment